Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 21:2 - Twerɛ Kronkron

2 Onipa kwan biara tene n’ani so, nanso akoma karifoɔ ne AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari koma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Onipa kwan biara tene n’ani so, nanso akoma karifoɔ ne AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari akoma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Onipa kwan biara teɛ n’ani so, na koma karifo ne AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 21:2
18 Referencias Cruzadas  

ɔnkari me nsaniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhunu me mudie no.


Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so sɛ wɔrenhunu n’amumuyɛ na wɔakyi.


Ogyimifoɔ kwan tene n’ani so, na deɛ ɔtie afotuo yɛ onyansafoɔ.


Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE.


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan.


Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.


Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeɛyɛ, na ɔbarima nokwafoɔ deɛ, hwan na ɔbɛhu no?


Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.


Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho.


Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ, na monnyɛ atiefoɔ nko ara nnaadaa mo ho.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios