Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 21:11 - Twerɛ Kronkron

11 Sɛ wɔtea fɛdifoɔ a, atetekwaa hunu nyansa, na onyansafoɔ yiedie mu na ɔnya nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Sɛ wɔtea fɛdifoɔ a, atetekwaa hunu nyansa, na onyansafoɔ yiedie mu na ɔnya nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ɔfɛwdifo akasadi mu, atetekwaa hu nyansa, na onyansafo yiyedi mu na onya nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 21:11
17 Referencias Cruzadas  

Bɔ ɔfɛdifoɔ, na atetekwaa ani bɛte, na ka nhunumufoɔ anim, na wahunu nimdeɛ mu.


Nhunumufoɔ akoma nya nimdeɛ, na anyansafoɔ aso hwehwɛ nimdeɛ akyiri kwan.


Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa, ma ɔteneneeni nhunu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.


Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛseɛ baa wɔn a wɔtee yeinom nyinaa so.


Deɛ wate ne ho no hwehwɛ anoyie daa, na adepa biara yɛ no ahi.


Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.


Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ, na nkwaseafoɔ ano di agyimisɛm.


Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:


Na ne kuro no mu mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu; na yi bɔne no firi wo mu na Israel nyinaa nte na wɔnsuro.


na Israel nyinaa ntie na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte seyie.


Na Israelfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa dwanee wɔ wɔn gyegyeegye no ano, kaa sɛ: Anyɛ a asase bɛmene yɛn nso!


Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no soa aniwuo, na deɛ ɔka ɔbɔnefoɔ anim no nya nkekaeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios