Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 2:2 - Twerɛ Kronkron

2 sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom w’akoma ama nteaseɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wo koma ma ntease,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom w’akoma ama nteaseɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wʼakoma ma nteaseɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease,

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 2:2
15 Referencias Cruzadas  

Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛanya nyansa akoma.


Deɛ wate ne ho no hwehwɛ anoyie daa, na adepa biara yɛ no ahi.


aane, sɛ wosu frɛ nhunumu, na woma wo nne so frɛ nteaseɛ,


Fa w’akoma bra atentene ho, na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho.


Mma, montie agya akwankyerɛ, na monyɛ aso na moanya nhunumu.


Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa.


Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti, deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra.


Mede m’akoma nso mekyinii sɛ mɛhunu na mapeepee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahunu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ.


Mede m’akoma mehwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahwɛ ɔbrɛ adwuma a wɔyɛ no asase soɔ no, sɛ awia ne anadwo mpo onipa nnya nna, n’aniwa mu no,


Yei nyinaa mahunu na mede m’akoma ato adwuma a wɔyɛ no owia ase nyinaa so: Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma no dane no ɔhaw.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios