Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 19:6 - Twerɛ Kronkron

6 Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfoɔ, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyiefoɔ nnamfo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nnipa pii pɛ adom fi sodifo nkyɛn, na nea ɔkyɛ ade yɛ obiara adamfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfoɔ, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyiefoɔ nnamfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn, na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfo, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyefo nnamfo.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 19:6
14 Referencias Cruzadas  

Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w’akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Afei ɔkaa sɛ: Mede ayɛyɛdeɛ a ɛdi m’anim yi merekɔpata no, ansa na mahunu n’anim; ebia ɔbɛhwɛ m’anim.


Na Yosef ne asase no so tumfoɔ, ɔne deɛ ɔtɔn aduane ma asase no sofoɔ nyinaa. Na Yosef nuanom ba bɛkotoo no de wɔn anim butubutuu fam.


Na mmarima no faa ayɛyɛdeɛ no, na wɔfaa dwetɛ mmɔho kurae ne Benyamin, na wɔsɔre siane kɔɔ Misraim kɔgyinaa Yosef anim.


Na Tiro babaa de ayɛyɛdeɛ ba, na ɔman mu adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.


Ɔhene animteɛ mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ bereamporɔberɛ mu mununkum.


Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so, baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie.


Onipa ayɛyɛdeɛ bɔ kwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛseɛ anim.


Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo.


Kokoam adekyɛ pata abufuo, na kokom adanmudeɛ dwodwo abufuhyeɛ.


Nnipa pii hwehwɛ ɔman sodifoɔ anim animuonyam, nanso AWURADE na obiara atemmuo firi no.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.


Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios