Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 19:5 - Twerɛ Kronkron

5 Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no rennya adwaneyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Adansekurumni benya nʼakatua, na nea otwa nkontompo remfa ne ho nni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no rennya adwaneyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Adansekurumni bɛnya nʼakatua, na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na nea ohuw atosɛm no rennya aguanye.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 19:5
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no.


Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando.


Wɔde amumuyɛ bɛnya kwan adwane anaa? Onyankopɔn, fa aman hwe fam abufuo so.


Nni wo yɔnko ho adansekurumu.


Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ.


Ɔdanseni nokwafoɔ gye nnipa nkwa, na deɛ ɔdi atorɔ deɛ, ɔtwa nkontompo.


Ɔdanseni nokwafoɔ renni atorɔ, na ɔdansekurumfoɔ ka atorosɛm.


Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no bɛyera.


Adansefoɔ atorofoɔ bɛyera, na onipa a ɔtie asɛm, ɔkasa daa.


ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm, ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam.


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios