Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 19:10 - Twerɛ Kronkron

10 Taamudie mfata ɔkwasea, na mprɛ ahe na akoa bɛdi mpanimfoɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛmfata sɛ ɔkwasea bedi taamu, anaasɛ akoa bedi mmapɔmma so!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Taamudie mfata ɔkwasea, na mprɛ ahe na akoa bɛdi mpanimfoɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Akɛsesɛm mfata ɔkwasea, anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Taamudi mfata ɔkwasea, na menne sɛ akoa bedi mpanyimfo so.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 19:10
17 Referencias Cruzadas  

Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.


Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.


Kasantrasoɔ mfata ogyegyentwie, na nkantom sɛ atorɔ ano bɛfata ɔdehyeɛ.


Sɛ ahuhuberɛ mu sukyerɛmma ne twaberɛ mu nsuo teɛ no, sɛ animuonyam mfata ɔkwasea ne no.


Na nkurɔfoɔ no bɛha wɔn ho, oyi ne oyi, onipa ne ne yɔnko; aberantewaa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwaa nso, onimuonyamfoɔ so.


Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurisie sɛ aman bi, ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman. Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so.


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom.


Monni abooboo, na mo werɛ nho, na monsu! Mo sereɛ nnane awerɛhoɔ, na mo anigyeɛ nnane anatoɔ!


Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios