Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 15:5 - Twerɛ Kronkron

5 Ogyimifoɔ bu n’agya atenetene animtia, na deɛ ɔbu nkaanim no ani bɛte.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔkwasea mfa nʼagya nteɛso nyɛ hwee, na nea otie nteɛso no kyerɛ sɛ ɔyɛ onitefo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ogyimifoɔ bu n’agya atenetene animtia, na deɛ ɔbu nkaanim no ani bɛte.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ogyimifo tew n’agya nteɛso ahi, na nea obu nkaanim no ani bɛtew.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 15:5
19 Referencias Cruzadas  

Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma w’akoma nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo, na ɔrennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie AWURADE fie som adwuma no nyinaa.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Ma ɔteneneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔeɛ so, ɛyɛ tire so ngo a me tiri rempoɔ, nanso amumuyɛfoɔ ngo deɛ, mma no ngu me tiri so, na me mpaebɔ ara na ɛda so tia wɔn nsɛmmɔne.


Monnane mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo, mɛma moahunu me nsɛm.


AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ; agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.


Salomo mmebusɛm. Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea deɛ ɔhyɛ ne na awerɛhoɔ.


Ɔba nyansafoɔ tie agya atenetene, na ɔfɛdifoɔ deɛ ɔntie ntwianimu.


Ohia ne aniwuo ka deɛ ɔpo atenetene, na deɛ ɔbu animka no nya animuonyam.


Tɛkyerɛmabereɛ yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubuiɛ.


Ɔteneneeni fie wɔ ahodeɛ pii, na ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ mu wɔ anitane.


Tie afotuo na gye atenetene, na woahunu nyansa w’akyirinna mu.


Sɛdeɛ sika asomuadeɛ ne amapa ahyehyɛdeɛ teɛ no, saa na onimkafoɔ nyansafoɔ teɛ wɔ aso a ɛte asɛm soɔ.


Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,


Adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Ɛno nti yi wɔn atɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidie mu,


Yeinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho foɔ, na yi ho atɛn. Mma obi mmmu wo animtia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios