Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 13:8 - Twerɛ Kronkron

8 Obi kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte ntwianim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Obi ahonya betumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Obi kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte ntwianim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Obi kra nnwensa ne n’ahonyade, na ohiani de, ɔnte ntwiwanim.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 13:8
15 Referencias Cruzadas  

Na ɔtuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wɔbɛtumi nyinaa kɔe, nnipa mpem du na ɔde wɔn kɔeɛ; adwumfoɔ ne atomfoɔ nyinaa ka ho, na wɔannya obiara, gye asase no so nkurɔfoɔ ahiafoɔ nko.


Na asase no so ahiafoɔ no bi deɛ, ankɔbeahene no gyaa wɔn hɔ, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ.


Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.


Sɛ wɔbɛgye no mpata a, ɔmma adeɛ biara a wɔbɛgye no mfa nnye ne kra.


Obi yɛ ne ho defoɔ, nso na ɔnni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ adeɛ pii.


Teneneefoɔ hann dɛre anigyeɛ, na abɔnefoɔ kanea deɛ ɛbɛdum.


Anyansafoɔ abotire ne wɔn ahodeɛ, na nkwaseafoɔ deɛ, wɔn agyimisɛm yɛ agyimisɛm ara nko.


ɔremmu mpata biara, na woma akyɛdeɛ dɔɔso mpo a, ɔrempene.


Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni biribiara no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfofowa memaa wɔn da no.


Nanso wɔn mu mmarima du wɔ hɔ a wɔka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akoradeɛ wɔ wiram, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne ɛwoɔ. Ɛnna ɔgyaeeɛ, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so.


Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato AWURADE din no so.


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Ɔkra sene aduane, na nipadua sene ntoma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios