Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 5:9 - Twerɛ Kronkron

9 Womma wo nsa so, w’ahohiahiafoɔ so, na w’atamfo nyinaa to ntwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Womma wo nsa so, w’ahohiahiafoɔ so, na w’atamfo nyinaa to ntwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ma wo nsa so, w’ahohiafo so, na di w’atamfo so.

Ver Capítulo Copiar




Mika 5:9
15 Referencias Cruzadas  

Ao, AWURADE sɔre, ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so. Mma wo werɛ mmfiri amanehunufoɔ.


Ɛnna ɔmaa ne nsa so tiaa wɔn sɛ ɔbɛma wɔatotɔ ɛserɛ so,


Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa, wo nsa nifa bɛnya wɔn a wɔkyiri woɔ.


Na mɛdane me nsa aba wo so, na mede dɔw mɛnane wo na mayi wo mu fi, na mayi wo sumpii mfrafraeɛ nyinaa akɔ.


Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam, na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa; Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so, na Amon mma atie wɔn.


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.


AWURADE se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.


na mɛbutu ahennie nhennwa, na masɛe amanaman ahennie ahoɔden, na mɛbutu nteaseɛnam ne wɔn a ɛtete mu, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ sotenafoɔ ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afena ano.


Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ.


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios