Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 2:8 - Twerɛ Kronkron

8 Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfoɔ, na moyi wɔn a wɔtwam dwoodwoo a wɔmpɛ ko no ho ntadeɛ so ngusoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Akyiri no me nkurɔfo asɔre te sɛ ɔtamfo. Moworɔw ntade pa fi wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfoɔ, na moyi wɔn a wɔtwam dwoodwoo a wɔmpɛ ko no ho ntadeɛ so ngusoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre te sɛ asraafoɔ. Moworɔ ntadeɛ pa firi wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo, na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso.

Ver Capítulo Copiar




Mika 2:8
10 Referencias Cruzadas  

Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ no mu baako, wo deɛ, worehwehwɛ akum Israel mu kuro a ɛyɛ ɛna; adɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapadeɛ?


Ɔtene ne nsa ne nnamfonom so, wabu n’apam so.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


M’agyapadeɛ adane me sɛ kwaeɛ mu gyata; wama ne nne so atia me, enti na makyiri no.


Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho,


na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne ɛsɛn mu nam.


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios