Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 1:12 - Twerɛ Kronkron

12 na Marotfoɔ de ahoyera twɛn mmerɛ pa, ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kuro pono ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu de twɛn mmoa, efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ aba abedu Yerusalem pon ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 na Marotfoɔ de ahoyera twɛn mmerɛ pa, ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kuro pono ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu de twɛn mmoa, ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba abɛduru Yerusalem ɛpono ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 na Marotfo de ahoyeraw twɛn mmere pa, efisɛ amane afi AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kurow pon ano.

Ver Capítulo Copiar




Mika 1:12
9 Referencias Cruzadas  

Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba, na m’ani daa hann so, na esum kabii aba.


Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba. Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.


Toɔ na woato Yuda atwene, anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwunu? Ɛdeɛn nti na woabubu yɛn na yɛnni ɔyaresafoɔ yi? Yɛhwɛ asomdwoeɛ kwan, nso papa biara amma; yɛhwɛ ɔyaresa berɛ kwan nso, na hwɛ, akomatuo na ɛwɔ hɔ.


Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nso biribi pa biara amma, ne ɔyaresa berɛ nso, na hwɛ, akomatuo nko.


Anaasɛ wɔhyɛne totorobɛnto kuro mu a ɔman mmɔ binim? Anaasɛ bɔne bi ba kuro bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma no baeɛ?


Na n’apirakuro no aporɔ. Na abɛduru Yuda, abɛso me man pono ano, aduru Yerusalem.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!


Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, Eli te n’adwa so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Nyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kuro mu no nyinaa sui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios