Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 8:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Yesu sian bepɔw no, dɔm dii nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ofi bepɔw no so sianee no, nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 8:1
12 Referencias Cruzadas  

Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, emum ne afoforɔ pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yadeɛ


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ.


Na wɔfiri Yeriko rekorɔ no, nkurɔfokuo pii dii n’akyi.


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii a wɔfiri Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yuda ne Yordan agya dii n’akyi.


ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Atwerɛfoɔ no.


Na Yesu hunuu nkurɔfoɔ akuakuo pii wɔ ne ho no, ɔhyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ asuogya nohoa.


Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.


Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea,


Nanso ne ho asɛm trɛɛ mmom, na nkurɔfoɔ akuakuo pii bɛhyiaa sɛ wɔbɛtie no, na wasa wɔn nyarewa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios