Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 7:28 - Twerɛ Kronkron

28 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne nkyerɛkyerɛ no maa nkurɔfoɔ akuakuo no ho dwirii wɔn,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

28 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne nkyerɛkyerɛ no maa nkurɔfoɔ akuakuo no ho dwirii wɔn,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 7:28
18 Referencias Cruzadas  

Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ w’anomu ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.


Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu.


Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so, Yordan agya.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri.


Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ:


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.


ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Atwerɛfoɔ no.


Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no!


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa.


Na homeda duruiɛ no, ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu; na nnipa pii a wɔteeɛ no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi kɔnyaa nnoɔma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no yi, na saa ahoɔdenneɛ a ɔde ne nsa yɛ yi aseɛ ne sɛn?


Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.


Na wɔn a wɔtiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuaeɛ yɛɛ wɔn nwanwa.


Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?


Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiri. Ɛfiri sɛ na n’asɛm no kura tumi.


Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfoɔ no aso mu no, ɔkɔhyɛnee Kapernaum.


Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?


Asomfo no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios