Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:27 - Twerɛ Kronkron

27 Mo mu hwan na ɔdwennwene a, ɔbɛtumi de da koro ato ne nkwa nna soɔ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin mpo?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Mo mu hwan na ɔdwennwene a, ɔbɛtumi de da koro ato ne nkwa nna soɔ?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Mo mu hena na ɔdwennwen a, obetumi de dakoro ato ne nkwa nna so?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:27
14 Referencias Cruzadas  

Menim sɛ adeɛ biara a Onyankopɔn yɛ no, ɛno na ɛbɛtena hɔ daa; wɔrentumi mfa bi nka ho, na wɔrentumi nyi bi mfiri mu. Na Onyankopɔn ayɛ no saa sɛdeɛ nnipa bɛsuro n’anim.


Nanso nka wo tiri ntam, ɛfiri sɛ worentumi nyɛ nwi baako fufuo anaa tuntum.


Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?


Na adɛn na modwendwene ntoma ho? Monhwɛ wiram sukooko, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa,


Enti monnnwennwene sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛnom, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛfira?


Enti monnnwennwene ɔkyena ho; na ɔkyena no ara bɛdwendwene ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.


Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho;


Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnwennwene deɛ mode bɛyi mo ano anaasɛ deɛ mobɛka ho,


Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Yei nti mese mo sɛ: Monnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie anaa mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira.


Na Onyankopɔn de akwaa no asisi nipadua ho mmaako mmaako, sɛdeɛ ɔpɛ.


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Momfa mo dadwene ne haw nyinaa nto ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios