Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:35 - Twerɛ Kronkron

35 Monnka asase, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ. Monnka Yerusalem, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Monnnɔ fam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn nan ase agua. Monnnɔ Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kuropɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

35 Monnka asase, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ. Monnka Yerusalem, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuro.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Monnnɔ fam, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuropɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

35 Monnka asase, efisɛ ɛyɛ ne nan ntiaso. Monnka Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kurow.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:35
10 Referencias Cruzadas  

na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.


Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no.


AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa.


Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so, na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim. Ɔno na ɔyɛ kronkron.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.


Nanso nka wo tiri ntam, ɛfiri sɛ worentumi nyɛ nwi baako fufuo anaa tuntum.


Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɔdan bɛn na mobɛsi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea?


Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem no sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios