Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:24 - Twerɛ Kronkron

24 gya w’ayɛyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kane, ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛdeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 gyae afɔre no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbɔ mu ansa na woakɔbɔ wʼafɔre no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 gya w’ayɛyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kane, ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛdeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 gyae afɔdeɛ no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ wʼafɔdeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:24
13 Referencias Cruzadas  

Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.


Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni, na nyi obi ahuntasɛm adi;


Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.


Enti sɛ wode w’ayɛyɛdeɛ ba afɔrebukyia ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm tia wo a,


Nkyene yɛ; na sɛ nkyene dɛ tu firi mu a, ɛdeɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Monnya nkyene mo ara mo mu, na mone mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.


Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ na wadi paanoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi.


Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpaeɛ wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho teɛ so, a abufuo anaa akyinnyeɛ nni mu.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios