Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne mu anuonyam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yei akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no ewiase ahennie ahodoɔ ne emu animuonyam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔw tententen bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:8
13 Referencias Cruzadas  

Ɛno mu na ɔyii n’ahennie animuonyam dodoɔ, ne ne kɛseyɛ hran, ne ne fɛ no kyerɛeɛ nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.


Na Haman kaa wɔn n’ahonya animuonyam ne ne mma dodoɔ ne kɛseɛ a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛdeɛ wama no so asene mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie no atifi,


Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa.


Ɛfiri sɛ honam nyinaa te sɛ wira, na onipa animuonyam nyinaa te sɛ wira nhwiren. Wira hye, na ne nhwiren po;


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios