Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:22 - Twerɛ Kronkron

22 Na ntɛm ara wɔgyaa kodoɔ no ne wɔn agya hɔ bɛdii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no hɔ kodii nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na ntɛm ara wɔgyaa kodoɔ no ne wɔn agya hɔ bɛdii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya ne kodoɔ no hɔ bɛdii nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na ntɛm ara wogyaw ɔkorow no ne wɔn agya bedii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:22
10 Referencias Cruzadas  

Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim no, ɔhunuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te kodoɔ mu repempam wɔn asau; na ɔfrɛɛ wɔn.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi.


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.


Na wɔde akodoɔ no baa asase soɔ no, wɔgyaa ne nyinaa hɔ dii n’akyi.


Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios