Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 3:4 - Twerɛ Kronkron

4 Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa bere no na Yohane fura yoma ho nwi ntama bɔ aboa nhoma abɔso. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɛberɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, bɔ aboa nhoma abɔsoɔ. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Nso na Yohane yi fura ntama a wɔde yoma nwi na ayɛ, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na n’aduan ne mmoadabi ne wuram wo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 3:4
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atadeɛ a ɔhyɛ no yɛ aboa nwi, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene. Na ɔse: Ɛyɛ Tisbini Elia.


ɛberɛ no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kaa sɛ: Kɔ na kɔyi ayitoma no firi w’asene mu, na sane wo mpaboa firi wo nan ase: Na ɔyɛɛ saa daa adagya de nammɔnhunu nanteeɛ.


wɔn mu deɛ monnie nie: Ntutummɛ ahodoɔ, nketekyire ahodoɔ, mfuntie ahodoɔ, mmɛbɛ ahodoɔ.


Na ɛda no adiyifoɔ no ani bɛwuwu wɔn adehunu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfira enwi ngusoɔ mfa nsisi bio.


Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Na Yohane baeɛ, ɔnnidi na ɔnnom, na wɔse: Ɔwɔ honhommɔne.


Anaasɛ ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu.


Na Yohane fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Ɔmaa no faa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na ɔdii asase so nnɔbaeɛ; na ɔmaa no fefee ɛwoɔ firii ɔbotan mu, ne ngo firii abohemmaa mu,


Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios