Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 3:14 - Twerɛ Kronkron

14 Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Yohane huu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu nti ɔkae se, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu na ɛnyɛ me.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yohane hunuu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu. Yei enti, ɔkaa sɛ, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu, na ɛnyɛ me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔno de, osiw no kwan sɛ: Me mmom a ehia me sɛ wobɔ me asu no na woba me nkyɛn yi?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 3:14
16 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yesu firi Galilea baa Yordan ho, Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu.


Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?


Na ɛfiri ne mayɛ no mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom soɔ.


Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede bɛsie mo sɛ mabɔ me tirim mprɛ pii sɛ anka mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasi me kwan abɛduru sɛsɛɛ), na manya mo nso mo mu aba bi, sɛ amanaman a aka no.


ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,


Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatadeɛ a ɛnam gyidie so wɔ ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne tenenee sɛ nnebɔne a wɔayɛ kane no wama no atwa mu Nyankopɔn boasetɔ mu no nti.


Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die.


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!


Na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ owuo amma wɔantena hɔ nti, wɔyɛɛ asɔfoɔ a wɔdɔɔso,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios