Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 28:4 - Twerɛ Kronkron

4 Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ no ho popoe, na wɔyɛɛ sɛ awufoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, dan sɛ awufo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ no ho popoe, na wɔyɛɛ sɛ awufoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Awɛmfoɔ no hunuu no no, ehu maa wɔn ho popoeɛ, na wɔhwehwee ase, danee sɛ awufoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ne ho hu nti awɛmfo no ho popoe, na wɔyɛe sɛ awufo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 28:4
10 Referencias Cruzadas  

ehu ne ahopopoɔ kaa me, na ɛmaa me nnompe nyinaa wosoe.


Nketenkete kutaa wɔn, yea kaa wɔn sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.


Na wɔrekorɔ no, hwɛ, awɛmfoɔ no mu binom baa kuro no mu bɛkaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no.


Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa.


Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.


Na ɔbisaa kanea de mmirika bae, na ɔde ahopopoɔ bɛhwɛɛ Paulo ne Silas anim,


Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios