Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:45 - Twerɛ Kronkron

45 Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Bere a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

45 Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no, esum duruu asase so afanan nyinaa firi owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 Na efi bɛyɛ awia dumien bere mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii awia nnɔnabiɛsa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:45
9 Referencias Cruzadas  

Mede tumm mekata ɔsoro, na mede ayitoma meyɛ ne nkataho.


Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mɛma owia atɔ awiaberɛ, na mɛma sum aduru asase so awia ketee.


Na ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.


Na ɛyɛ Twam ho nsiesie da, na ɛbɛyɛ awia dummienu. Na ɔsee Yudafoɔ no sɛ: Hwɛ, mo hene nie!


Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios