Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:32 - Twerɛ Kronkron

32 Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennua mu hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

32 Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Ɛberɛ a wɔde no rekɔ baabi a wɔbɔ asɛnnua mu hɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɛwɔ Abibirem. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Na wɔrefi adi no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa n’asɛnnua no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:32
17 Referencias Cruzadas  

Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n’anim, na wɔnni adanseɛ ntia no sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu.


Na mmarima mmahuhufoɔ baanu ba bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufoɔ no dii adanseɛ tiaa Nabot ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na wɔyii no firi kɔɔ kuro no akyi kɔsii no aboɔ maa no wui.


nantwinini mu no nyinaa, mfiri nkɔ nsraban no akyi, deɛ ɛhɔ teɛ, deɛ wɔhwie nso guo, na ɔmfa ogya nhye no nnyina so; deɛ wɔhwie nso guo na wɔnhye no.


Na ɔmfa nantwinini no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na ɔnhye no sɛdeɛ wɔhyee kane nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔdeɛ ne no.


sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwie ba onini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.


Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wone no nnante kwansini baako no, ɛne no nkɔ mmienu.


Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.


Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.


Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,


Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,


na wɔsunsumm no firii kuro no mu kɔsii no aboɔ. Na adansefoɔ no de wɔn ntoma guguu aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo nan ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios