Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:69 - Twerɛ Kronkron

69 Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

69 Saa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

69 Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

69 Saa ɛberɛ no na Petro te adihɔ. Abaayewa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mofiri Galilea.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

69 Na Petro de, ɔte adiwo hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:69
18 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu, na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ, na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,


Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,


Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ.


Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Mennim deɛ woreka yi.


Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!


Na Natanael see no sɛ: Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!


Ebinom se: Kristo no nie! Na ebinom nso bisaa sɛ: Kristo no bɛfiri Galilea anaa?


Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Oyi akyiri no, Galileani Yuda sɔree berɛ a na wɔrekan nnipa no mu, na ɔtwee nkurɔfoɔ bebree dii n’akyi; na ɔno nso wuiɛ, na wɔn a wɔtiee no nyinaa bɔ hweteeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios