Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:37 - Twerɛ Kronkron

37 Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛɛ no ara pɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

37 Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara pɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

37 Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:37
14 Referencias Cruzadas  

Na Noa deɛ, ɔnyaa adom AWURADE anim.


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Na sɛdeɛ anyinam pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, sɛdeɛ Onipa Ba no ba nso bɛyɛ ara ne no.


Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?


Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ tenenee sɛnkafoɔ ne nnipa baason a wɔka ne ho na ɔgyee wɔn na ɔde nsuyire bɛkataa amumuyɛfoɔ wiase soɔ no,


Wɔn so ara na ɛnam na nsuo yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ wɔn berɛ so no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios