Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:35 - Twerɛ Kronkron

35 Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛbɛtena hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

35 Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Ɛsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛbɛtena hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

35 Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:35
23 Referencias Cruzadas  

Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa. Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.


AWURADE, w’asɛm tim hɔ daa wɔ, ɔsoro.


AWURADE mmara yɛ pɛ, ɛdwodwo ɔkra. AWURADE adanseɛ atim, ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa.


Merengu m’apam ho fi, na merensakyera deɛ afiri m’anomu no.


Nyankopɔn asɛm nyinaa ho te, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ.


Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ, na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.


Nwira dwan, na nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm bɛtim hɔ daa.


Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.


Na mmepɔ bɛtwe akɔ na nkokoɔ atutu, na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so, na m’asomdwoeɛ apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.


saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa, na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no.


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atorɔ, anaa onipa ba, na wanu ne ho. Ɔno deɛ, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma no ntim?


Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ ɛrentwam da.


Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


na Awurade asɛm deɛ, ɛte hɔ daa. Na yei ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ:


Na ɔsoro yeraeɛ sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ nyinaa tutu fifirii deɛ na ɛwowɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios