Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:29 - Twerɛ Kronkron

29 Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 “Saa mmere no awerɛhowdi no akyi pɛ “ ‘owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn; na nsoromma befi wim atetew ahwe, na wim abɔde behinhim.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

29 Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 “Ɔtaa no akyiri pɛ “ ‘awia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn; na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ɔsoro no.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Na nna no mu ahohiahia akyi no, ntɛm ara na owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma betutu afi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awosow.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:29
21 Referencias Cruzadas  

ansa na owia ne hann ne ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na osuo nya tɔ a, asane amuna,


Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan.


Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ, na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.


Asase woso wɔn anim, ɔsoro hinhim, owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma kame ne haran.


Owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma agyae haran.


AWURADE da no ɛnyɛ sum anaa? Ɛnyɛ hann! Ɛnyɛ kusuu anaa? Ɛnhyerɛn!


Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mɛma owia atɔ awiaberɛ, na mɛma sum aduru asase so awia ketee.


Na ɛno na ahohiahia kɛseɛ a ɛfiri wiase mfitiaseɛ de bɛsi nnɛ, ebi mmaa da, nanso ebi remma da, bɛba.


Na yeinom nyinaa ne awoko yea mfitiaseɛ.


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios