Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:27 - Twerɛ Kronkron

27 Na sɛdeɛ anyinam pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, sɛdeɛ Onipa Ba no ba nso bɛyɛ ara ne no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Na sɛnea anyinam twa fi apuei kɔ atɔe no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ne no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Na sɛdeɛ anyinam pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, sɛdeɛ Onipa Ba no ba nso bɛyɛ ara ne no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Na sɛdeɛ anyinam pa firi apueeɛ kɔ atɔeɛ no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ara ne no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, sɛnea onipa ba no ba nso bɛyɛ ara nen.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:27
18 Referencias Cruzadas  

Ɔgyaa mu ɔsoro ase nyinaa, na ne hann kɔduru asase anoano.


Wobɛtumi asoma anyinam ama no akɔ, na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn nie! anaa?


Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.


Na abɔdeɛ ateasefoɔ no de mmirika redi akɔneaba te sɛ anyinam.


Na AWURADE bɛyi ne ho adi wɔ wɔn so, na n’agyan afiri adi sɛ ɔsraman; na AWURADE Nyankopɔn bɛhyɛne totorobɛnto, na wanante ahum a ɛtutu anafoɔ fam mu.


Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no? Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;


Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.


Enti sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, ɔwɔ serɛ so! a, monnkɔ; hwɛ, ɔwɔ mpia mu! a, monnnye nnni!


Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?


Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Mo nso, monya abodwokyɛre, monhyɛ mo akoma den, ɛfiri sɛ da a Awurade bɛba no abɛn.


abɛka sɛ: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na ɛfirii sɛ agyanom dedaeɛ yi, ade nyinaa te sɛdeɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios