Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:17 - Twerɛ Kronkron

17 Deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no, mma no nnsiane mmmɛfa biribi mmfiri ne dan mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Mma obiara a ɔwɔ ne fi dan atifi no nsian nkɔfa biribiara mfi ne fi hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

17 Deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no, mma no nnsiane mmmɛfa biribi mmfiri ne dan mu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Mma obiara a ɔwɔ ne efie ɛdan atifi no nsiane nkɔfa biribiara mfiri ne efie hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Nea ɔwɔ ɔdan atifi no, mma onnsian mmmɛfa biribi mmfi ne dan mu;

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:17
14 Referencias Cruzadas  

Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.


Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.


Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi.


Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ bepɔ soɔ.


na deɛ ɔwɔ wiram nso nnsane n’akyiri mmmɛfa ne ntoma.


Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa?


Enti biribiara a moaka no esum mu no, wɔbɛte no hann mu, na deɛ moaka no aso mu wɔ mpia mu no, wɔbɛpae mu aka wɔ adan atifi.


Na nkurɔfokuo no nti wɔannya kwan a wɔde no bɛfa soɔ aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntaayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfimfini, Yesu anim.


Na adeɛ kyeeɛ na wɔnam kwan so rebɛn kuro no no, Petro kɔɔ aban atifi kɔbɔɔ mpaeɛ, ɛbɛyɛ awia dummienu.


Sɛ wosi dan foforɔ a, gye wo dan atifi ban, na obi amfiri hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodie amma wo dan no so.


Na wɔfiri sorɔnsorɔnbea hɔ siane baa kuro no mu, na ɔne Saulo kasaa ɛdan atifi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios