Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 23:35 - Twerɛ Kronkron

35 na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Na atreneefo mogya a moahwie agu asase so nyinaa, efi Habel so de kosi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no, bɛba mo so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

35 na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Na ateneneefoɔ mogya a moahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel so de kɔsi Barakia ba Sakaria a mokumm no wɔ asɔredan ne afɔrebukyia ntam no, bɛba mo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

35 na mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so de besi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no mogya so aba mo so.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 23:35
22 Referencias Cruzadas  

Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.


Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔde maa Yuda yɛɛ bɔne, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE ani soɔ no.


ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ.


Wɔn agyanom amumuyɛ nti monsiesie akumiiɛ mma ne mma; na wɔansɔre amfa asase anni so, na wɔamfa nkuro anyɛ asase ani ma.


Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.


Kwa ara kwa na mepiraa mo mma; wɔannye atenetene. Mo afena akunkum mo adiyifoɔ sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.


Nso w’atadeɛ mmuano mu na wɔhunu ahiafoɔ a wɔdi bem no mogya. Ɛwom sɛ woanhunu sɛ wɔrebubu adan kɔ mu, nanso yeinom nyinaa akyiri no


Hunu nko na monhunu sɛ, sɛ moku me a, mogya a ɛdi bem na mobɛhwie agu mo ne kuro yi ne emutefoɔ soɔ, na nokorɛ mu, AWURADE na asoma me mo nkyɛn, sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa ngu mo aso mu.


na wɔfaa Uria firii Misraim de no brɛɛ Ɔhene Yehoiakim, na ɔde afena kumm no, na ɔtoo ne funu twenee teman mufoɔ ada so.


Na Yeremia wiee nsɛm nyinaa a AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa ka no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa kyeree no kaa sɛ: Wuo na wobɛwuo.


Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn, sɛ:


Na monnyɛ saa nngu asase a mote soɔ no ho fi, ɛfiri sɛ mogya no ara na ɛgu asase no ho fi, na wɔrentumi mfa biribiara mpata mma asase no, mogya a wɔahwie agu soɔ no nti, gye deɛ ɔkaa mogya guiɛ no ara ne mogya.


ɛfiri Habel mogya so de kɔsi Sakaria a ɔtɔɔ afɔrebukyia ne asɔredan ntam no mogya so. Aane, mese mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanseɛ sɛ ɔtene, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ ho adanseɛ, na ɛno so na sɛ ɔwui mpo a, ɔda so kasa.


ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho.


Na ɛno mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔaku wɔn asase soɔ no nyinaa mogya.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios