Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na nkurɔfokuo no mu pii de wɔn ntadeɛ sesɛɛ kwan no mu, na ebinom nso twitwaa dua mman, na wɔde sesɛɛ kwan no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na nkurɔfokuo no mu pii de wɔn ntadeɛ sesɛɛ kwan no mu, na ebinom nso twitwaa dua mman, na wɔde sesɛɛ kwan no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na nkurɔfokuw no mu pii de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no mu, na ebinom nso twitwaa nnubaa, na wɔde sesɛw ɔkwan no mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:8
6 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntadeɛ de hyehyɛɛ n’ase wɔn nan ase wɔ ntwedeɛ no ara soɔ, na wɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yehu adi hene!


Na ɛda a ɛdi kan no, momfa nnua afɛfɛ so adeɛ, ɛberɛ ne nnua kusuu mman ne nsunoa nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnanson.


de afunumu no ne ne ba no baeɛ, na wɔde wɔn ntadeɛ guguu wɔn so, na ɔtenaa so.


Na nnipa bebree de wɔn ntoma sesɛɛ ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnua mman firi mfuo mu de sesɛɛ ɔkwan no so.


Na ɔrekorɔ no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ kwan mu.


wɔfefaa berɛ, na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia no, na wɔteateaa mu sɛ: Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios