Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:37 - Twerɛ Kronkron

37 Na akyire yi, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Eyi akyi no ɔsomaa ɔno nʼankasa ne ba kɔɔ akuafo no nkyɛn susuwii sɛ, wɔde nidi bɛma no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

37 Na akyire yi, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Yei akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafoɔ no nkyɛn susuu sɛ, wɔde anidie bɛma no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

37 Na akyiri no, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn se: Wɔbɛfɛre me ba.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:37
13 Referencias Cruzadas  

Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛeɛ? Ɛdeɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba, na aso abuntwerɛ yi?


Ebia Yuda fie bɛtie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne makyɛ wɔn.


Mekaa sɛ: Suro me ara, gye nkyerɛkyerɛ, na wɔrentwa wo tenabea ntwene, deɛ mahyɛ woɔ no nyinaa ho; nanso wotuaa nhema sɛesɛee wo nneyɛeɛ nyinaa.


Bio, ɔsomaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene akane deɛ no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.


Nanso ahwɛsofoɔ no hunuu ɔba no no, wɔkekaa wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifoɔ no; mommra mma yɛnkum no, na n’apɛgyadeɛ no nyɛ yɛn deɛ.


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Nanso na aka no ɔbaako, ne ba a ɔdɔ no. Na akyire yi, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.


Na bobe turo wura no kaa sɛ: Menyɛ dɛn? Mɛsoma me dɔba; ebia wɔbɛfɛre no.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na mahunu na madi adanseɛ sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.


Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios