Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:36 - Twerɛ Kronkron

36 Bio, ɔsomaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene akane deɛ no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Afei ɔsan somaa nnipa a wɔn dodow sen wɔn a ɔsomaa wɔn kan no se wɔnkɔ akuafo no nkyɛn, nanso asɛm koro no ara bi na esii.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

36 Bio, ɔsomaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene akane deɛ no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Afei, ɔsane somaa nnipa a wɔn dodoɔ sene wɔn a ɔsomaa wɔn kane no sɛ wɔnkɔ akuafoɔ no nkyɛn, nanso asɛm korɔ no ara bi na ɛsiiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Bio ɔsomaa nkoa foforo a wɔdɔɔso sen kan de no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:36
4 Referencias Cruzadas  

Na Yeremia wiee nsɛm nyinaa a AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa ka no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa kyeree no kaa sɛ: Wuo na wobɛwuo.


Na ahwɛsofoɔ no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wɔkumm bi, na wɔsii bi aboɔ.


Na akyire yi, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.


Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne me nyɛmmoa, na wɔawie nnoɔma nyinaa; mommra ayeforɔ no ase!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios