Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:28 - Twerɛ Kronkron

28 Na modwene yei ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no hɔ sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turo mu adwuma!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu kae se, “Saa asɛm a merebɛka yi mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, ‘Me ba, nnɛ kɔ mʼafum na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

28 Na modwene yei ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no hɔ sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turo mu adwuma!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu kaa sɛ, “Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no sɛ, ‘Me ba, ɛnnɛ kɔ mʼafuom na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turom adwuma!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:28
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom me ara m’asase so ne m’abusua mu na mɛkorɔ.


Ɔse: Ɔtua. Na ɔbaa fie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wodwene ho sɛn? Ɛhefoɔ hɔ na asase so ahemfo gyegye adwadeɛ anaa toɔ? Wɔn mma hɔ anaa ananafoɔ hɔ?


Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu.


Na wɔbuaa Yesu sɛ: Yɛnnim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.


Na ɔba no buaa sɛ: Merenkɔ! Na akyire yi, ɔsesaa n’adwene, na ɔkɔeɛ.


Montie ɛbɛ foforɔ! Afuowura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo aban tentene, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofoɔ bi nsa, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi.


Enti kyerɛ yɛn deɛ wodwene. Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare anaasɛ wɔnnyi?


Ɛte sɛ onipa a watu kwan agya ne fie, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmaako mmaako, na wahyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ sɛ ɔnwɛn!


Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ɛkumm wɔn no, mosusu sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?


Mene mo kasa sɛ animdefoɔ. Mommu deɛ mereka yi ho atɛn.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios