Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 20:7 - Twerɛ Kronkron

7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obiara mmɔɔ yɛn paa. Ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turo mu hɔ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Wobuae se, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa ɛ.’ “Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ɛno de, mo nso monkɔyɛ adwuma wɔ mʼafum.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obiara mmɔɔ yɛn paa. Ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turo mu hɔ!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Wɔyii ano sɛ, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa.’ “Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnneɛ monkɔka apaafoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuom no ho.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 20:7
16 Referencias Cruzadas  

Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu.


Na ɛbɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum mu no, ɔfirii adi kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina hɔ kwa, na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mogyinagyina ha kwa adekyeeɛ nyinaa yi?


Na ɛduruu anwummerɛ no, bobe turo no wura no ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ: Frɛ adwumayɛfoɔ no, na ma wɔn wɔn apaadeɛ firi wɔn a wɔdi akyire so kɔsi wɔn a wɔdi kan so.


Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.


sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a wɔnam wɔn so ayɛ; sɛ ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yɛntumi nsane.


Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka,


Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.


Aane, ahuntasɛm no a ɛfiri mmeresanten ne awoɔ ntoatoasoɔ so huntaeɛ no, afei wayi no adi akyerɛ n’ahotefoɔ.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios