Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 20:30 - Twerɛ Kronkron

30 Na hwɛ, anifirafoɔ mmienu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaa mu sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tete. Anifuraefo yi tee sɛ Yesu retwa mu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

30 Na hwɛ, anifirafoɔ mmienu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaa mu sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Na hwɛ, anifuraefo baanu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteɛteɛɛm sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 20:30
21 Referencias Cruzadas  

AWURADE bue anifirafoɔ ani, AWURADE ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina, AWURADE dɔ ateneneefoɔ,


Ɛda no, asotifoɔ bɛte nwoma mu nsɛm no, na anifirafoɔ ani afiri kusuu ne sum mu ahunu adeɛ;


Na mɛgya anifirafoɔ wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so, mɛma wɔanante atempɔn a wɔnnim soɔ so. Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim, na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa. Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn, na merennya wɔn.


Asotifoɔ, montie! na anifirafoɔ, monhwɛ na monhunu!


Yɛkeka ɔfasuo ho sɛ anifirafoɔ, na yɛkeka sɛ wɔn a wɔnni ani; yɛsunti awia ketee sɛ kusuu mu, yɛhinhim ahoɔdenfoɔ mu sɛ awufoɔ.


Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe.


Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!


Na nkurɔfokuo no kaa wɔn anim sɛ wɔmmua wɔn ano. Ɛno mmom ma wɔteateaa mu denden sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!


Na anifirafoɔ ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefie hɔ, na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi kan ne wɔn a wɔdi akyire teateaa mu sɛ: Hosiana, Dawid ba no! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no! Hosiana wɔ sorosoro nohoa!


sɛ: Modwene Kristo no ho sɛn? Hwan ba ne no? Wɔsee no sɛ: Dawid.


Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ, na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,


Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yadeɛ ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afira, ɔmaa wɔn hunuu adeɛ.


Na sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asene mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahennwa soɔ nti,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios