Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 20:27 - Twerɛ Kronkron

27 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ odikanfo wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa;

Ver Capítulo Copiar




Mateo 20:27
12 Referencias Cruzadas  

Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu.


Na ɛnte saa mo mu; na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ,


sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.


Na mo deɛ, monnyɛ saa, na mmom deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na deɛ ɔyɛ otitire no nyɛ sɛ deɛ ɔsom.


Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ anyansafoɔ ne wɔn a wɔyɛ adwenem harefoɔ no ka;


Nanso mebu no sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛn me biribiara mu.


Na me deɛ, mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama wɔahwere me ama mo kra. Na sɛ medɔ mo ma no boro so saa a, ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ mo dɔ sua sene me deɛ?


Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios