Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:6 - Twerɛ Kronkron

6 na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene po mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye me di yi mu biako hintidua no, eye ma no sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bun mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:6
16 Referencias Cruzadas  

Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne bi.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.


Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Saa ara na ɛnyɛ adeɛ a Agya a ɔwɔ soro no pɛ, sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera.


Na obiara a ɔbɛgye abɔfra a ɔte sɛɛ baako me din mu no, wagye me;


Na obiara a ɔbɛto nkumaa yi a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde owiyammoɔ kɛseɛ sɛne ne kɔn mu na wɔde no kɔto po mu.


Ɛnna ɔse: Ɛyɛ wo hwan a, Awurade? Na ɔse: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.


Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios