Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:4 - Twerɛ Kronkron

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛse koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:4
13 Referencias Cruzadas  

Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Ɛdɔn no ara mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: Hwan ne ɔkɛseɛ koraa wɔ ɔsoro ahennie no mu?


na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu.


Na obiara a ɔbɛgye abɔfra a ɔte sɛɛ baako me din mu no, wagye me;


Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ,


Na wɔmuaa wɔn ano; ɛfiri sɛ ɔkwan mu no wɔdwenwenee ho sɛ hwan ne wɔn mu ɔkɛseɛ.


Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgye abɔfra yi me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no. Na deɛ ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno na ɔbɛyɛ kɛseɛ.


Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios