Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:24 - Twerɛ Kronkron

24 Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talente ɔpedu brɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Nkontaabu no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem du brɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talente ɔpedu brɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem edu brɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na ofii ase bui no, wɔde obiako a ɔde no talente pedu brɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:24
17 Referencias Cruzadas  

Na ɔse: Ɛnyɛ sɛdeɛ moseɛ no. Na deɛ wɔbɛhunu no ne nkyɛn no nyɛ m’akoa, na mo deɛ, mobɛdi bem.


na wɔmaa Nyankopɔn fie som no ho sika dwetikɛseɛ mpemnum ne sika dare mpemdu ne dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu ne kɔbere mfrafraeɛ dwetikɛseɛ mpemdunwɔtwe ne dadeɛ dwetikɛseɛ mpemha.


sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ woɔ, me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛn amumuyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodie aso akɔduru ɔsoro.


na me mfomsoɔ aboro me tiri so, ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduro.


Na bɔne a wɔnnim ano atwa me ho ahyia, m’amumuyɛ asɔ me mu a ɛmma menhunu adeɛ bio, ɛdɔɔso sene me tiri so nwi, na m’akoma agya me.


Yei nti ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu nkonta.


Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.


Na ɔmaa ɔbaako talente nnum, na ɔbaako mmienu, na ɔbaako nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ; na ɔtuu kwan.


Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.


Na deɛ ɔnyaa talente nnum no bae, de talente nnum kaa ho baa sɛ: Owura, talente nnum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ nnum maka ho.


Na deɛ ɔnyaa talente mmienu no baa sɛ: Owura, talente mmienu na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ mmienu maka ho.


Na deɛ ɔnyaa talente baako no nso baa sɛ: Owura, menim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wotwa faako a wonnuaeɛ, na woboaboa ano faako a womfa mpeteeɛ;


Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ɛkumm wɔn no, mosusu sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?


Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifoɔ nyinaa mmaako mmaako baa ne nkyɛn see deɛ ɔdi kan no sɛ: Wode me wura ɛka ahe?


Ɛnna ɔsee ɔfoforɔ sɛ: Na wo nso, ɛka ahe na wodeɛ? Na ɔse: Mede ayuo nkotokuo ɔha. Na ɔsee no sɛ: Fa wo nwoma na twerɛ aduɔwɔtwe!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios