Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:17 - Twerɛ Kronkron

17 Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ ɔbosonsonni ne togyeni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Sɛ wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wudi bem wɔ asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfi wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

17 Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ ɔbosonsonni ne togyeni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Sɛ wantie wo a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnne bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:17
27 Referencias Cruzadas  

Na Israelfoɔ a wɔfiri otukorɔ mu baeɛ no ne wɔn a wɔate wɔn ho afiri asase no so amanaman no afideɛ ho baa wɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam dwan no,


na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ.


Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,


Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na monya? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa?


Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfoɔ; na wɔsusu sɛ wɔn kasa tentene nti wɔbɛtie wɔn!


Na togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ no nyinaa twi bɛnee no sɛ wɔrebɛtie no.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.


Metwerɛɛ wɔ me krataa no mu sɛ mo ne adwamammɔfoɔ nnni afra.


Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɔnsi ne bo nkɔ asɛnniiɛ wɔn a wɔntene anim, na ɛnyɛ ahotefoɔ anim anaa?


Na anuanom, yɛhyɛ mo Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfiri onua biara a ɔnam basabasa na ɔnni atetesɛm a ɔnyaa no yɛn nkyɛn no soɔ no ho.


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwene mu asɛeɛ, na nokorɛ abɔ wɔn a wɔsusu sɛ onyamesom pa yɛ adepɛdeɛ.


Na wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasaa sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios