Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 16:27 - Twerɛ Kronkron

27 Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya anuonyam mu a mʼabɔfo ka me ho na mabebu obiara nneyɛe ho atɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɛeɛ ho atɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 16:27
45 Referencias Cruzadas  

na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no, na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no.


na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ. Na wobɛtua onipa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Mekaa no m’akomam sɛ: Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ nyinaa, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wahyɛ berɛ ama adwuma biara ne adeyɛ biara.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


Wo a woso, agyinatuo mu na w’adeyɛ dɔɔso. Wo a w’ani bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ abateɛ no.


Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo; ɔba rensoa n’agya amumuyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumuyɛ bi; ɔteneneeni tenenee bɛtena ne so, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm bɛtena ne so.


Ɔhene di abooboo, na ɔberempɔn fira ahodwirie, na asase no so aman aba mu abu. Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na mobɛdwanedwane akɔ me mmepɔ bonhwa mu, na mmepɔ bonhwa no bɛduru Asal tɔnn, na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ no anim, Yudahene Usia berɛ soɔ no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,


Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu,


Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Na Yesu kaa sɛ: Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Ɛnna wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba mununkum mu.


Na ɛfiri nnɛ na Onipa Ba no bɛtena Nyankopɔn tumi nifa soɔ.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔno ne n’agya ne n’abɔfoɔ kronkron animuonyam bɛba no.


Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di m’akyi!


Ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?


na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi.


Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn.


Ɔno na ɔbɛsusu nnipa nyinaa nnwuma so adeɛ ama wɔn mmaako mmaako.


Na obiara wɔ ne diberɛ; Kristo ne aduaba a ɛdi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ,


obiara adwuma bɛda adi, na Ɛda no bɛyi no adi, ɛfiri sɛ ogya mu na ɛbɛda adie, na sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no ogya no bɛsɔ ahwɛ;


Na aduane nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yɛdi a, yɛbɛyɛ ma, anaa sɛ yɛanni a, yɛbɛtɔ sini.


Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.


Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛntene no bɛnya deɛ ɛntene a ɔyɛeɛ no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.


na motwɛn ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no afiri soro, ɔno ne Yesu a ɔyi yɛn firi abufuo a ɛreba no mu.


ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane,


Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ.


Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tena bea yi mu,


Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛmu, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.


Yeinom ho na Henok nso a ɔtɔ Adam so nson hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefoɔ mpempem reba


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios