Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:33 - Twerɛ Kronkron

33 Na asuafoɔ no see no sɛ: Ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nkurɔfokuo pii sɛɛ wɔ anwea pradada so ha?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Nʼasuafo no nso bisaa no se, “Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

33 Na asuafoɔ no see no sɛ: Ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nkurɔfokuo pii sɛɛ wɔ anwea pradada so ha?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na asuafo no see no sɛ: Ɛhe na yebenya abodoo a ɛbɛso nkurɔfokuw pii sɛɛ, anwea pradada so ha?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:33
9 Referencias Cruzadas  

Na onwunu dwoeɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Ɛha yi yɛ ɛserɛ so, na onwunu nso adwo, gya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduane nni!


Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa nie, na wɔnni biribi a wɔdie; nanso mempɛ sɛ megya wɔn kwan ma wɔde yafumpan korɔ, na wɔankɔtotɔ baha ɔkwan mu.


Na Yesu see wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Na wɔse: Nson ne mpataa nketewa bi.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo ara momma wɔn biribi nni. Na wɔsee no sɛ: Yɛnkɔ nkɔtɔ paanoo denare ahanu, na yɛmfa mma wɔnni anaa?


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma wɔn biribi nni! Na wɔse: Yɛnni biribiara sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane ma nkurɔfoɔ yi nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios