Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 14:7 - Twerɛ Kronkron

7 Ɛno nti ɔkaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Eyi maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ se ommisa nea ɔpɛ biara na ɔde bɛma no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛno nti ɔkaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yei maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ sɛ, ɔmmisa deɛ ɔpɛ biara na ɔde bɛma no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛno nti Herode kaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a obebisa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 14:7
6 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ, Ɔhemmaa Ester? Na ɛdeɛn na worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔde bɛma wo.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Eduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.


ɔmua n’ani dwene akontonkyisɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ.


Na Herode awoda duruiɛ no, Herodia babaa bɛsaa wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.


Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios