Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 14:14 - Twerɛ Kronkron

14 Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Yesu fii ɔkorow no mu baa nea nnipa no wɔ hɔ no. Ohuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Eyi ma ɔsaa ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no yare.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 14:14
13 Referencias Cruzadas  

Na onwunu dwoeɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Ɛha yi yɛ ɛserɛ so, na onwunu nso adwo, gya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduane nni!


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.


Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii.


na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!


Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios