Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 14:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro so nam fam tii no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu tee Osuboni Yohane wu no, ɔtew ne ho kɔtenaa baabi. Nnipa tee ne nka ma wɔnam fam fi wɔn nkurow ne wɔn nkuraa tiw no kɔɔ nea ɔwɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro so nam fam tii no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni hɔ. Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na Yesu tee no, ɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ kɔɔ sare so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, wofii nkurow so nam fam tiw no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 14:13
10 Referencias Cruzadas  

Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Na n’asuafoɔ no ba bɛfaa amu no kɔsiee, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu.


Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.


Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hwehwɛɛ no, na wɔbɛduruu ne nkyɛn, na wɔsiankaa no sɛ ɔmmfiri wɔn nkyɛn nnkɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios