Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:27 - Twerɛ Kronkron

27 Na sɛ me, mede Beelsebul na metu ahonhommɔne a, na mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Na sɛ me, mede Beelsebul na metu ahonhommɔne a, na mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na sɛ me, mede Beelsebul na etu ahonhommɔne a, na mo mma de hena na etu wɔn? Eyi nti wɔbɛyɛ mo atemmufo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:27
10 Referencias Cruzadas  

Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin so na ɔtu ahonhommɔne.


Na sɛ menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo mma nam tu wɔn? Enti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios