Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:24 - Twerɛ Kronkron

24 Na Farisifoɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ahonhommɔne panin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Nanso Farisifo no tee anwonwade a Yesu yɛe no, wɔkae se, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panyin, Ɔbonsam Beelsebul no so na otu ahonhommɔne.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na Farisifoɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ahonhommɔne panin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Nanso, Farisifoɔ no tee anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panin Ɔbonsam, Beelsebul no so na ɔtu ahonhommɔne.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:24
7 Referencias Cruzadas  

Yei ne me ho asɛmpɛfoɔ akatua a ɛfiri AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no deɛ.


Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?


Na wɔrefiri adie no, hwɛ, wɔde emum bi a honhommɔne wɔ ne soɔ brɛɛ no.


Na Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin so na ɔtu ahonhommɔne.


Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne.


Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbaa sɛ honhommɔne no firii adie no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa.


Na wɔn mu binom kaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul so na ɔtu ahonhommɔne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios