Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:23 - Twerɛ Kronkron

23 Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn. Wɔkae se, “Ebetumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na nkurɔfo akuwakuw no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no ni?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:23
9 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!


Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi kan ne wɔn a wɔdi akyire teateaa mu sɛ: Hosiana, Dawid ba no! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no! Hosiana wɔ sorosoro nohoa!


Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne nkyerɛkyerɛ no maa nkurɔfoɔ akuakuo no ho dwirii wɔn,


Na Yesu firi hɔ rekorɔ no, anifirafoɔ baanu dii n’akyi teateaa mu sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!


Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel.


Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios