Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 11:20 - Twerɛ Kronkron

20 Ɛnna ɔfirii aseɛ kaa nkuro a na wayɛ ne tumideɛ pii wom no anim sɛ wɔansakyera wɔn adwene no sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Afei, ofii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

20 Ɛnna ɔfirii aseɛ kaa nkuro a na wayɛ ne tumideɛ pii wom no anim sɛ wɔannsakyera wɔn adwene no sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ nanso wɔannu wɔn ho no anim sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Ɛnna ofii ase kaa nkurow a wayɛ ne tumidi pii wom no anim sɛ wɔnnsakraa wɔn adwene, ɔkae sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Mateo 11:20
17 Referencias Cruzadas  

Mawɛn m’aso matie, nso deɛ ɛntene na wɔka. Obiara nni hɔ a ɔnu ne ho wɔ ne bɔne ho ka sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ yi? Obiara asi ne kwan so sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm.


Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.


Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me!


Ɛfiri sɛ nsɛm a wode aba yi yɛ yɛn aso mu asɛm foforɔ. Enti yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ ɛkyerɛ.


sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodoɔ a wɔayɛ bɔne na wɔnsakyeraa wɔn adwene, wɔn fi ne adwamammɔ ne ahohwisɛm a wɔdiiɛ no ho.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.


Na wɔde ahuhuro kɛseɛ hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw mmusuo yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakyera wɔn adwene anhyɛ no animuonyam.


Na mama no berɛ sɛ ɔmfa nsakyera n’adwene mfiri n’adwamammɔ mu, na wansakyera.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios